Nhyiam Nhyehyɛe

Evans Yaw Agyepa

to

“Wobɛfrɛ me, na megye wo so.
W’ani begyina wo nsa ano adwuma.”

Hiob 14:15
Nhyehyɛe
Evans Yaw Agyepa

N’asetena Mu Nsɛm

Wɔwoo Evans Yaw Agyepa May 27 1983 wɔ Nobewam, Ashanti Region. N’awofo ne Victor Owusu Sarpong(wa firimu) ne Madam Juliana Boamah. N’awofoɔ woo mma nsia, mmea mmiensa, mmarima mmiensa, na na Yaw ne wɔn ba panyin.

Evans nyaa ne mfitiase sukuu adesua wɔ Nobewam L/A Middle School. Bere a owiee sukuu no, ɔtu kɔɔ Kentinkrono, Kumasi. Ɔkɔtenaa ne wɔfa Mr. Oppong Boamah nkyɛn. Ɛhɔ na osuaa adansi ho adwuma, na ɔde nsi ne ahokeka yɛɛ saa adwuma no.

Bere a na ɔwɔ Kentinkrono no, ohyiaa ne dɔfo Leticia Agyei. Wɔwaree wɔ May 12 2014, na wɔtenaa ase wɔ anigye mu sɛ okunu ne ɔyere. Wɔwoo mma mmiɛnsa, mmarima mmienu ne ɔbea baako.

Afei Agyepa faa ne Bible adesua a na ɔne Yehowa Adansefoɔ sua no anibere so berɛ a na ɔwɔ Kwamo no. Na ɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa danseni wɔ 2017, Asokore-Mampong, Kumasi. Na ɔdɔ nkurɔfo, na na ɔdɔ n’abusua paa. Saa ɔdɔ no kaa no ma ɔde anigye kaa Bible mu nokware kyerɛɛ afoforo, titiriw ne mma no. Bere biara a na obenya hokwan no, na ɔde ne mma no kɔ Kristofo nhyiam nso.

Evans yɛ obi a na ɔwɔ ayamye ne tema paa. Na ɔtaa hwɛ nneɛma pa a ɛwɔ afoforo ho. Mpɛn pii no sɛ obi werɛ how a, na Yaw bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma onii no ani agye, denam sereɛ a ɔdi kan sere kyerɛ onii no.

Ne yere, ne mma, ne maame, ne nuanom ne wɔn a wɔbɛn no no, na wɔn nyinaa ho hiaa no paa. Bere a na nneɛma mu ayɛ den mpo no, ade titiriw a na ɛho hia no ne sɛ n’abusua ani begye na wɔn ho atɔ wɔn.

Awerɛhosɛm ne sɛ, yare bi bɔɔ Evans, na owui wɔ August 15 2026. Ogyaw akyiri, ne yere, ne mma, ne maame, ne nuanom mmarima ne mmea, ne nananom, ne wɔfanom, ne n'agyanom, ne abusuafo afoforo, ne nnamfo pii a wɔdɔ no.

Ɛwom sɛ Agyepa awu deɛ, nanso ɔwɔ anidasoɔ a yɛn Nyankopɔn ahyɛ no mu gyidie, a ɛwɔ Hiob 14:15, a ɛhɔ se: “Wobɛfrɛ me, na mɛgye wo so. W’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma”.

Nhyehyɛe

Adaka no bue
Ɔkasa

Nnwom

Dwom30

M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo

Hebrifo 6:10

1

Wia-se mu te-na yɛ den.A-ma nni-pa re-di a-w’rɛ-how.Nan-so me de me-ka sɛ:“Me Nyankopɔn wɔ hɔ.”

Nnyeso

Ye-ho-wa yɛ tre-nee-ni.Na me-dɔ no nti wa-hyɛ me bɔ.O-se, o-bɛ-so me nsa.Nyankopɔn nti me-nye mmɔ-bɔ.Ye-ho-wa bɔ me ho ban.Ɔ-yɛ Ɔ-dom-fo ne O-gye-fo.Me Nyankopɔn, ɔ-yɛ m’A-gya,Ne m’A-dam-fo!

2

Me mm’ran-te-b’re no a-twam.A-w’rɛ-how pɛ sɛ ɛ-hyɛ me so.Nan-so ne bɔ-hyɛ no ntiMe-wɔ a-ni-da-so.

Nnyeso

Ye-ho-wa yɛ tre-nee-ni.Na me-dɔ no nti wa-hyɛ me bɔ.O-se, o-bɛ-so me nsa.Nyankopɔn nti me-nye mmɔ-bɔ.Ye-ho-wa bɔ me ho ban.Ɔ-yɛ Ɔ-dom-fo ne O-gye-fo.Me Nyankopɔn, ɔ-yɛ m’A-gya,Ne m’A-dam-fo!

Dwom151

Ɔbɛfrɛ

Hiob 14:13-15

1

Yɛn nkwa te sɛ bo-su, ɛ-wɔ hɔ nne,Ɔ-kye-na na a-twam kɔ.Yɛ-yɛ dɔ-te, ɛn-kyɛ na yɛa-fi hɔ,Ɛ-ma yɛ-di a-w’rɛ-how.Sɛ ni-pa wu a, ɔ-bɛ-sɔ-re bio?Mun-tie Nyan-ko-pɔn bɔ-hyɛ:

Nnyeso

Ɔ-bɛ-frɛ, A-wu-fo bɛ-te.Ɔ-bɛ-ma wɔn a-ba bio.N’a-ni a-gyi-na ne mma;Ɔ-pɛ sɛ o-hu wɔn bio.Nya gyi-di sɛ ɛ-bɛ-yɛ hɔ,Ye-be-hu a-wu-fo bio.A-fei, yɛ-bɛ-nya daa nkwa.Na o-bia-ra ren-wu bio.

2

Nyan-ko-pɔn nnam-fo be-tu-mi a-wu,Nan-so ne w’rɛ mfi wɔn da.A-wu-fo a Nyan-ko-pɔn kae wɔn no,Ɔ-bɛ-ma wɔn a-ba bio.Ɛn-na yɛ-bɛ-nya a-se-te-na pa.Pa-ra-di-se no bɛ-ba.

Nnyeso

Ɔ-bɛ-frɛ, A-wu-fo bɛ-te.Ɔ-bɛ-ma wɔn a-ba bio.N’a-ni a-gyi-na ne mma;Ɔ-pɛ sɛ o-hu wɔn bio.Nya gyi-di sɛ ɛ-bɛ-yɛ hɔ,Ye-be-hu a-wu-fo bio.A-fei, yɛ-bɛ-nya daa nkwa.Na o-bia-ra ren-wu bio.

Abusua no da w’ase sɛ wobɛgyaa yɛn. Yehowa nhyira mo bebree.